Exodus
28 “Afei frɛ wo nua Aaron ne ne mma firi Israelfoɔ mu bra na wɔnsom sɛ asɔfoɔ wɔ m’anim;+ Aaron+ ne ne mma Nadab, Abihu,+ Eleasar, ne Itamar.+ 2 Pam ntade kronkron ma wo nua Aaron na ɛnhyɛ no animuonyam na ne ho nyɛ fɛ.+ 3 Wo ne anyansafoɔ a mede nyansa honhom+ ahyɛ wɔn akoma mã nyinaa nkasa. Ma wɔmpam ntadeɛ mma Aaron na ne ho nte na watumi asom sɛ ɔsɔfoɔ wɔ m’anim.+
4 “Ntadeɛ yi na wɔmpam: nkataboɔ,+ ngugusoɔ,+ nsasini,+ atade tenten a wɔanwene no damedame, abotitene+ ne abomu.+ Ma wɔnyɛ ntade kronkron mma wo nua Aaron ne ne mma na wɔasom sɛ asɔfoɔ wɔ m’anim. 5 Ma wɔmfa sika kɔkɔɔ, ahoma bruu, tankɔkɔɔ, koogyan ne nwera pa nyɛ.
6 “Wɔmfa sika, ahoma bruu, tankɔkɔɔ, koogyan ne nwera nnwene ngugusoɔ+ no. 7 Wɔmfa adeɛ ntoto ne mmatiri mmienu no so na wɔnka nsi animu.+ 8 Ɛsɛ sɛ wɔde sika, ahoma bruu, tankɔkɔɔ, koogyan ne nwera a wɔanwene no ara bi yɛ abɔsoɔ+ a wɔde bɛkyekyere.
9 “Afei fa soham+ aboɔ mmienu na kurukyire+ Israel mma no din+ wɔ so. 10 Twerɛ din nsia ɛboɔ baako so, na twerɛ nsia a aka no nso din ɛboɔ baako so, ɛfiri panin so kɔsi kumaa so.+ 11 Kurukyire Israel mma din no wɔ aboɔ mmienu no so+ sɛdeɛ wɔtwerɛ nsɔano soɔ. Fa sika kɔkɔɔ fefa ano.+ 12 Fa aboɔ mmienu no sisi atadeɛ no mmatiri so na ɛnyɛ nkaeɛ aboɔ mma Israel mma.+ Na Aaron mfa wɔn din a ɛwɔ ne mmatiri mmienu soɔ no mmra Yehowa anim sɛ nkaeɛ adeɛ. 13 Fa sika fefa ano, 14 na fa sika amapa+ yɛ ntweaban mmienu. Nwene no sɛ ahoma na fa ntweaban no sosɔ mfefaano no mu.+
15 “Afei nwene atemmuo nkataboɔ+ te sɛ ngugusoɔ no. Fa sika kɔkɔɔ, ahoma bruu, tankɔkɔɔ, koogyan ne nwera yɛ.+ 16 Sɛ wɔka to so a, ɛnyɛ ahinanan; ne ntwemu nyɛ nsateakwaa nkron,* na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ nsateakwaa nkron.+ 17 Na fa abohene tetare mu. Yɛ no nsãsoɔ nnan.+ Nsãsoɔ a ɛdi kan ne aboɔdenboɔ kɔkɔɔ+ ne akraateboɔ+ ne ahahammonoboɔ.+ 18 Nsãsoɔ a ɛtɔ so mmienu ne nsrammaboɔ+ ne hoaboɔ+ ne ahwehwɛboɔ.+ 19 Nsãsoɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa ne lesemboɔ ne mfrafraeɛboɔ+ ne beredumboɔ.+ 20 Nsãsoɔ a ɛtɔ so nnan ne sikabereɛboɔ+ ne sohamboɔ+ ne yasepeboɔ. Fa sika kɔkɔɔ toto anoano.+ 21 Kurukyire Israel mma dumienu no din+ wɔ aboɔ no so. Twerɛ no sɛdeɛ wɔtwerɛ nsɔano soɔ, na ebiara nnyina hɔ mma Israel mmusua dumienu+ no baako.
22 “Fa sika amapa nwene ntweaban wɔ nkataboɔ no so sɛ ahoma.+ 23 Na fa sika yɛ nkawa mmienu wɔ nkataboɔ no so,+ na fa nkawa mmienu no hyehyɛ nkataboɔ no ntwea mmienu no so. 24 Afei fa nhoma mmienu a wode sika ayɛ no hyehyɛ nkawa mmienu no mu wɔ nkataboɔ no ntwea so.+ 25 Na fa nhoma mmienu ano a aka no hyehyɛ adeɛ a wɔde atoto ngugusoɔ no mmatiri mmienu no soɔ no mu wɔ atadeɛ no anim.+ 26 Fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa mmienu fa hyehyɛ nkataboɔ no ntwea ase ma no nkyerɛ asɔfotadeɛ a ɛhyɛ aseɛ+ no. 27 Afei fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa mmienu fa hyehyɛ adeɛ mmienu a ɛda ngugusoɔ no mmatiri soɔ no ase wɔ atadeɛ no anim, ɛrekɔ ne ntoaeɛ so wɔ abɔsoɔ no so.+ 28 Wɔmfa ahoma bruu nhyehyɛ nkawa no mu nkyekyere nkataboɔ no mmɔ ngugusoɔ no mu wɔ abɔsoɔ no so, na nkataboɔ no amfiri ngugusoɔ no so.+
29 “Na Aaron mfa Israel mma din a ɛwɔ atemmuo nkataboɔ soɔ no mmɔ ne koko so mmra Kronkronbea hɔ sɛ nkaeɛ adeɛ wɔ Yehowa anim daa. 30 Afei fa Urim+ ne Tumim* hyɛ atemmuo nkataboɔ no mu, na sɛ Aaron ba Yehowa anim a, ɔmmɔ no ne koko so. Enti Aaron mma Israelfoɔ no atemmuo+ nna n’akoma so daa wɔ Yehowa anim.
31 “Fa ahoma bruu nko ara yɛ asɔfotadeɛ nsasini no.+ 32 Twa atadeɛ no kɔn wɔ ne mfimfini na nwene ano hyia. Yɛ no sɛ akotadeɛ kɔn na ante amfa mu.+ 33 Fa ahoma bruu ne tankɔkɔɔ ne koogyan nwene granate akutuo* sensɛn ano hyia. Afei yɛ sika adɔmma+ hyehyɛ granate akutuo no ntam hyia. 34 Enti granate akutuo biara akyi no, sika adɔmma di hɔ; ɛnsesa so asɔfotadeɛ nsasini no ano nhyia.+ 35 Aaron nhyɛ atadeɛ yi mfa nsom. Sɛ ɔkɔ kronkronbea hɔ kɔgyina Yehowa anim a, wɔbɛte nnyegyeeɛ wɔ ne ho, na ɔpue nso a, wɔbɛte. Ɔnyɛ saa na wanwu.+
36 “Afei fa sika amapa yɛ ade tratra hyɛnn bi na kurukyire so, sɛdeɛ wɔtwerɛ nsɔano soɔ, sɛ ‘Kronkron ne Yehowa.’+ 37 Fa ahoma bruu sɔ mu ma no mfam abotitene+ no so, abotitene no anim. 38 Ɛmmɔ Aaron moma so, na sɛ mmusuo ba ayɛyɛdeɛ kronkron a ɛsɛ sɛ Israelfoɔ no te ho no so a, Aaron asoa ɛho asodie ama wɔn.+ Ɛmmɔ ne moma so daa na ama Yehowa ani asɔ wɔn.+
39 “Bio nso fa nwera pa nwene atade tenten; yɛ no damedame, na fa nwera pa yɛ abotitene+ na nwene abomu nso.+
40 “Yɛ atadeɛ+ ne abomu ne abotire+ ma Aaron mma no nso na ɛnhyɛ wɔn animuonyam na wɔn ho nyɛ fɛ.+ 41 Fa asɔfotadeɛ no hyehyɛ wo nua Aaron ne ne mma na fa ngo sra wɔn+ na ma wɔn tumi.*+ Na te wɔn ho na wɔnsom sɛ asɔfoɔ m’anim. 42 Fa nwera pam twakoto ma wɔmfa nkata wɔn ho+ mfiri wɔn sisi nkɔsi wɔn srɛ. 43 Berɛ biara a Aaron ne ne mma bɛba ahyiaeɛ ntomadan no mu anaa wɔbɛba afɔrebukyia ho abɛsom wɔ kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ na wɔanyɛ abusudeɛ na wɔanwuwu. Yei yɛ ahyɛdeɛ a ɔne ne nkyirimma bɛdi soɔ daa.+