17 “Adɛn nti na moanwe aboa a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔdeɛ no wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron?+ Monnim sɛ ɛyɛ akronkronneɛ mu adekronkron a ɔde ama mo sɛ monsoa asafo no mmusuo na mompata mma wɔn Yehowa anim?+
18Yehowa ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Biribiara a obi bɛyɛ atia kronkronbea+ no, wo ne wo mma ne w’agyanom fiefoɔ bɛsoa, na biribiara a obi bɛyɛ atia w’asɔfodie no, wo ne wo mma a wɔka wo ho no bɛsoa.+
11 Ɔbɛhunu ne kra amanehunu,+ na n’akoma bɛtɔ ne yam.+ M’akoa+ teneneeni no nimdeɛ nti, ɔbɛma nnipa pii anya tenenee gyinabea;+ na ɔno ara bɛsoa wɔn bɔne.+
28 saa ara na wɔde Kristo nso bɔɔ afɔdeɛ prɛko+ sɛ ɔnsoa nnipa pii bɔne;+ na ne mprenu soɔ+ a ɔbɛyi ne ho adie+ no deɛ, ɛnyɛ bɔne nti na ɔbɛba,+ na ɔbɛyi ne ho adi akyerɛ wɔn a wɔhwɛ no kwan dendeenden repɛ wɔn nkwagyeɛ no.+
24 Ɔno ara na ɔsoaa yɛn bɔne+ wɔ ɔno ara ne honam mu wɔ dua+ no so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛgye yɛn afiri bɔne mu+ na yɛatena ase ama tenenee. Na “ɛnam ne ntampeɛ so na wɔsaa mo yareɛ.”+