18 Na Yehowa ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Biribiara a obi bɛyɛ atia tenabea kronkron no, wo ne wo mma ne w’agyanom abusuafie a wɔka wo ho no na ɛho asodie da mo so,+ na biribiara a obi bɛyɛ atia w’asɔfodie no, wo ne wo mma a wɔka wo ho no na ɛho asodie da mo so.+