38 Ɛno ne sɛ, Yesu a ɔfiri Nasaret no, Onyankopɔn de honhom kronkron ne tumi sraa no,+ na ɔkyinkyinii asase no so yɛɛ papa, na ɔsaa wɔn a Ɔbonsam hyɛ wɔn soɔ nyinaa yareɛ,+ ɛfiri sɛ na Onyankopɔn ka ne ho.+
27 Na mo deɛ, ɔsra+ a monya firii ne hɔ no te mo mu, na ɛnhia sɛ obi kyerɛkyerɛ mo;+ mmom sɛdeɛ ɔsra a monya firii ne hɔ no kyerɛkyerɛ mo nneɛma nyinaa+ na ɛyɛ nokorɛ+ na ɛnyɛ atorɔ no, sɛdeɛ ɛkyerɛkyerɛɛ mo no, mo ne deɛ ɔsraa mo no nyɛ baako.+