3Ɛnna ɔsɔfo panin Eliasib+ ne ne nuanom asɔfoɔ no sɔreeɛ na wɔsii Nnwanten Pono no.+ Wɔn na wɔyɛɛ no kronkron+ na wɔsisii n’apono; wɔyɛɛ no kronkron kɔduruu Mea Abantenten+ no ho de kɔsii Hananel Abantenten+ no ho.
13 Hanun ne Sanoafoɔ+ na wɔsiesiee Ɛbɔn Pono no;+ wɔn na wɔsisii n’aponnwa ne n’apono,+ ne krɔkrɔ+ ne ne mmeamu,+ ne fasuo no basafa apem kɔsii Sumina Pono no ho.+