Leviticus 19:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 “‘Monhwɛ na moammu atɛnkyea. Sɛ moredi ohiani asɛm a, monnyɛ animhwɛ,+ na monnni mmma onipa titire.+ Momfa atɛmpa mmu mo yɔnko atɛn. Leviticus 19:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 “‘Nnya wo nua ho tan w’akomam.+ Yi wo yɔnko atɛn+ na woansoa ne bɔne no bi. 2 Berɛsosɛm 19:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Na ɔka kyerɛɛ atemmufoɔ no sɛ: “Monhwɛ nyɛ adwuma no yie,+ ɛfiri sɛ ɛnyɛ onipa na mobu atɛn ma no, na mmom Yehowa,+ na ɔka mo ho atemmuo no mu.+ 1 Timoteo 5:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Wɔn a wɔte bɔne+ mu no, yi wɔn ntɛn+ wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa anim, na ama wɔn a aka no nso asuro.+ Tito 2:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Kɔ so ka yeinom ho asɛm, na tu fo na yi ntɛn sɛdeɛ wɔama wo tumi sɛ yɛ no.+ Mma obiara mmmu wo abomfiaa.+
15 “‘Monhwɛ na moammu atɛnkyea. Sɛ moredi ohiani asɛm a, monnyɛ animhwɛ,+ na monnni mmma onipa titire.+ Momfa atɛmpa mmu mo yɔnko atɛn.
6 Na ɔka kyerɛɛ atemmufoɔ no sɛ: “Monhwɛ nyɛ adwuma no yie,+ ɛfiri sɛ ɛnyɛ onipa na mobu atɛn ma no, na mmom Yehowa,+ na ɔka mo ho atemmuo no mu.+
15 Kɔ so ka yeinom ho asɛm, na tu fo na yi ntɛn sɛdeɛ wɔama wo tumi sɛ yɛ no.+ Mma obiara mmmu wo abomfiaa.+