Exodus 21:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 “Sɛ ɔbarima bi tɔn ne babaa sɛ afenaa+ a, ɔremfiri ne wura no nkyɛn nkɔ sɛdeɛ mmarima korɔ no. Deuteronomium 15:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 “Sɛ wɔtɔn wo nua Hebrini barima anaa ɔbaa ma wo,+ na ɔsom wo mfeɛ nsia a, afe a ɛtɔ so nson no, gyaa no ma no nkɔ.+ 2 Ahemfo 4:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Na ɔbaa bi a ɔyɛ adiyifoɔ asefoɔ+ no baako yere bɛsu kyerɛɛ Elisa sɛ: “Me kunu a ɔyɛ w’akoa no awu, na wo ara wonim sɛ na w’akoa suro+ Yehowa. Mede obi ka,+ na waba rebɛfa me mma mmienu no akɔyɛ nkoa.” Mmebusɛm 22:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ɔdefoɔ na ɔdi ahiafoɔ so,+ na deɛ ɔgye obi hɔ bosea no yɛ akoa ma deɛ ɔbɔ no bosea no.+ Mateo 18:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 Nanso ɛsiane sɛ ɔnni deɛ ɔde bɛtua ka no nti, ne wura no hyɛɛ sɛ wɔntɔn ɔne ne yere ne ne mma ne deɛ ɔwɔ nyinaa mfa ntua ka no.+
12 “Sɛ wɔtɔn wo nua Hebrini barima anaa ɔbaa ma wo,+ na ɔsom wo mfeɛ nsia a, afe a ɛtɔ so nson no, gyaa no ma no nkɔ.+
4 Na ɔbaa bi a ɔyɛ adiyifoɔ asefoɔ+ no baako yere bɛsu kyerɛɛ Elisa sɛ: “Me kunu a ɔyɛ w’akoa no awu, na wo ara wonim sɛ na w’akoa suro+ Yehowa. Mede obi ka,+ na waba rebɛfa me mma mmienu no akɔyɛ nkoa.”
25 Nanso ɛsiane sɛ ɔnni deɛ ɔde bɛtua ka no nti, ne wura no hyɛɛ sɛ wɔntɔn ɔne ne yere ne ne mma ne deɛ ɔwɔ nyinaa mfa ntua ka no.+