9 “Sɛ atamfo a wɔretan mo ani ba mo asaase so sɛ wɔne mo rebɛko a, monhyɛn ntotorobɛnto no mfrɛ ɔman no nkɔ ɛko.+ Na Yehowa mo Nyankopɔn bɛkae mo na wagye mo afiri mo atamfo nsam.
12 Na hwɛ! Nokorɛ Nyankopɔn no di yɛn anim, ɔne n’asɔfoɔ ne ɛko ntotorobɛnto a wɔbɛhyɛn agu mo so no. Enti Israel mmarima, mo ne Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn no nnko, ɛfiri sɛ ɛrensi mo yie.”+