Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Berɛsosɛm 13
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Berɛsosɛm Mu Nsɛntitire

      • Yuda hene Abia ahennie (1-22)

        • Abia dii Yeroboam so nkonim (3-20)

2 Berɛsosɛm 13:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 15:1, 2

2 Berɛsosɛm 13:2

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɔno ara na wɔfrɛ no Maaka wɔ 1Ahe 15:2 ne 2Be 11:20-22 no.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 11:20, 21
  • +Yos 18:28; 1Sa 10:26
  • +1Ah 15:6

2 Berɛsosɛm 13:3

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “wɔayi wɔn.”

  • *

    Nt., “wɔayi wɔn.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 11:1

2 Berɛsosɛm 13:5

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Kyerɛ sɛ, apam a ɛbɛtim hɔ daa.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 89:28, 29
  • +Ge 49:10; 2Sa 7:8, 12, 13; 1Be 17:11, 14; Dw 78:70, 71; Lu 1:32

2 Berɛsosɛm 13:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 10:2
  • +1Ah 11:26, 27; 12:20

2 Berɛsosɛm 13:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 12:26, 28; 2Be 11:15

2 Berɛsosɛm 13:9

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “bɛhyɛ ne nsam.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 11:14
  • +1Ah 12:31, 33; 13:33

2 Berɛsosɛm 13:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 11:16

2 Berɛsosɛm 13:11

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Kyerɛ sɛ, paanoo a wɔde kyerɛ no.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 29:39
  • +Ex 30:1
  • +Ex 25:30
  • +Ex 25:31
  • +Ex 27:20

2 Berɛsosɛm 13:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 10:9

2 Berɛsosɛm 13:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 14:11; 18:31

2 Berɛsosɛm 13:17

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “wɔayi wɔn.”

2 Berɛsosɛm 13:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 18:1, 5; 1Be 5:20; 2Be 16:8; Dw 22:5; 37:5; Na 1:7

2 Berɛsosɛm 13:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 12:28, 29
  • +Yoh 11:54

2 Berɛsosɛm 13:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 25:38; 1Ah 14:20; Aso 12:21-23

2 Berɛsosɛm 13:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 17:17

2 Berɛsosɛm 13:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 9:29; 12:15

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Be. 13:11Ah 15:1, 2
2 Be. 13:22Be 11:20, 21
2 Be. 13:2Yos 18:28; 1Sa 10:26
2 Be. 13:21Ah 15:6
2 Be. 13:32Be 11:1
2 Be. 13:5Dw 89:28, 29
2 Be. 13:5Ge 49:10; 2Sa 7:8, 12, 13; 1Be 17:11, 14; Dw 78:70, 71; Lu 1:32
2 Be. 13:62Be 10:2
2 Be. 13:61Ah 11:26, 27; 12:20
2 Be. 13:81Ah 12:26, 28; 2Be 11:15
2 Be. 13:92Be 11:14
2 Be. 13:91Ah 12:31, 33; 13:33
2 Be. 13:102Be 11:16
2 Be. 13:11Ex 29:39
2 Be. 13:11Ex 30:1
2 Be. 13:11Ex 25:30
2 Be. 13:11Ex 25:31
2 Be. 13:11Ex 27:20
2 Be. 13:12Nu 10:9
2 Be. 13:142Be 14:11; 18:31
2 Be. 13:182Ah 18:1, 5; 1Be 5:20; 2Be 16:8; Dw 22:5; 37:5; Na 1:7
2 Be. 13:191Ah 12:28, 29
2 Be. 13:19Yoh 11:54
2 Be. 13:201Sa 25:38; 1Ah 14:20; Aso 12:21-23
2 Be. 13:21De 17:17
2 Be. 13:222Be 9:29; 12:15
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
2 Berɛsosɛm 13:1-22

Berɛsosɛm Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu

13 Ɔhene Yeroboam ahennie afe a ɛtɔ so 18 mu no, Abia bɛdii Yuda so hene.+ 2 Ɔdii hene mfeɛ mmiɛnsa wɔ Yerusalem. Ne maame din de Mikaia,*+ na na ɔyɛ Gibeani+ Uriel babaa. Saa berɛ no, ntɔkwa bɛdaa Abia ne Yeroboam ntam.+

3 Abia de asraafoɔdɔm, akatakyie 400,000 a wɔnim ko* kɔɔ ɛko no.+ Na Yeroboam nso de mmarima akokoɔdurofoɔ a wɔnim ko* 800,000 kɔhyiaa no. 4 Ɛnna Abia gyinaa Semaraim Bepɔ no atifi wɔ Efraim mmepɔ no mu, na ɔkaa sɛ: “Yeroboam, wo ne Israel nyinaa, montie me. 5 Enti monnim sɛ Israel Nyankopɔn Yehowa ne Dawid yɛɛ nkyene apam*+ sɛ ɔde Israel ahennie bɛma ɔno ne ne mma de akɔsi daa?+ 6 Nanso Nebat ba Yeroboam,+ Dawid ba Solomon akoa no sɔre tiaa ne wura.+ 7 Na akwasampafoɔ ahuhufoɔ boaboaa wɔn ho ano kɔdii n’akyi. Ɛsiane sɛ na Solomon ba Rehoboam yɛ abɔfra na ɔnni akokoɔduro nti, wɔyɛɛ den senee no, na Rehoboam antumi wɔn.

8 “Na afei mo nso ɛyɛ mo sɛ modɔɔso, na sika nantwie mma a Yeroboam de yɛɛ anyame maa mo no nso ka mo ho, enti mobɛtumi ako atia Yehowa ahennie a ɛwɔ Dawid mma nsam no.+ 9 Ɛnyɛ mo na moapamo Yehowa asɔfoɔ,+ Aaron mma no, ne Lewifoɔ no? Mo ara monsisii mo so asɔfoɔ sɛdeɛ amanaman no ayɛ no?+ Obiara de nantwie ba baako ne adwennini nson ba* a, na moayɛ no ɔsɔfoɔ ama anyamehunu. 10 Yɛn deɛ, Yehowa ne yɛn Nyankopɔn,+ na yɛnnyaa no. Yɛn asɔfoɔ a wɔyɛ Aaron mma no reyɛ Yehowa som adwuma, na Lewifoɔ no nso reboa wɔn. 11 Wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ma Yehowa anɔpa ne anwummerɛ biara,+ na wɔhye aduhwam.+ Wɔde paanoo a wɔde taataa so no*+ gu sika kɔkɔɔ amapa apono no so; sika kɔkɔɔ nkaneadua+ no nso, wɔsɔ ɛho nkanea no anwummerɛ biara,+ ɛfiri sɛ yɛdi Yehowa yɛn Nyankopɔn ahyɛdeɛ so, na mo deɛ, moagya no. 12 Na hwɛ! Nokorɛ Nyankopɔn no di yɛn anim, ɔne n’asɔfoɔ ne ɛko ntotorobɛnto a wɔbɛhyɛn agu mo so no. Enti Israel mmarima, mo ne Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn no nnko, ɛfiri sɛ ɛrensi mo yie.”+

13 Nanso Yeroboam maa nkurɔfoɔ faa wɔn akyi kɔtɛɛ wɔn, enti na wɔwɔ Yuda anim, na wɔn a wɔakɔtɛ no nso wɔ wɔn akyi. 14 Berɛ a Yudafoɔ danee wɔn ani no, wɔhuu sɛ ɛdɔm a wɔne wɔn rebɛko no wɔ wɔn anim ne wɔn akyi nyinaa. Enti wɔfirii aseɛ su frɛɛ Yehowa.+ Saa berɛ no nyinaa, na asɔfoɔ no nso rehyɛn ntotorobɛnto no dendeenden. 15 Yuda mmarima no teaam dendeenden. Berɛ a Yudafoɔ no teaam no, nokorɛ Nyankopɔn no maa Yeroboam ne Israelfoɔ nyinaa dii nkoguo wɔ Abia ne Yuda anim. 16 Israelfoɔ no dwane firii Yuda anim, na Onyankopɔn de wɔn hyɛɛ wɔn nsa. 17 Na Abia ne ne nkurɔfoɔ kunkum wɔn mu bebree; Israel mmarima a wɔnim ko* no mu 500,000 wuwuiɛ. 18 Enti wɔbrɛɛ Israel mmarima ase saa berɛ no; Yuda mmarima deɛ, wɔdii nkonim ɛfiri sɛ wɔde wɔn ho too wɔn agyanom Nyankopɔn Yehowa so.+ 19 Abia tuu n’ani sii Yeroboam so, na ɔgyee nkuro yi firii ne nsam: Betel+ ne ɛho nkuro, Yesana ne ɛho nkuro, Efrain+ ne ɛho nkuro. 20 Abia berɛ so no, Yeroboam annyina ne nan so bio. Na Yehowa bɔɔ no maa no wui.+

21 Abia deɛ, ɔkɔɔ so yɛɛ den. Ɔwaree yerenom 14+ na ɔwoo mma mmarima 22 ne mma mmaa 16. 22 Abia ho nsɛm a aka, n’akwan ne nsɛm a ɔkaeɛ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ odiyifoɔ Ido twerɛtohɔ no+ mu.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane