19 Berɛ a Horonni Sanbalat+ ne Ammonni+ Tobia,+ ɔsomfoɔ no,+ ne Arabiani+ Gesem+ teeɛ no, wɔdii yɛn ho fɛ,+ na wɔbuu yɛn animtia kaa sɛ: “Ɛdeɛn na moreyɛ yi? Ɛnyɛ ɔhene na morete n’anim atua yi?”+
6Na ɛbaa sɛ berɛ a wɔka kyerɛɛ Sanbalat+ ne Tobia+ ne Arabiani+ Gesem+ ne yɛn atamfo a aka no sɛ masan ato fasuo no,+ na masisi ntokuro no nyinaa (nanso ɛde bɛsi saa berɛ no na mensisii ɛho apono) no,+