Esra 4:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Nanso Serubabel ne Yesua+ ne Israel agyanom mmusua mu atitire+ nkaeɛ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛne mo nni hwee yɛ wɔ yɛn Nyankopɔn dan a yɛresie no mu,+ yɛn nko ara yɛbɛsi ama Yehowa, Israel Nyankopɔn no, sɛdeɛ Persia hene Kores+ ahyɛ yɛn no.” 2 Korintofoɔ 6:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Mo ne wɔn a wɔnnye nnie nntwe kɔndua korɔ.+ Na twaka bɛn na tenenee ne amumuyɔ wɔ?+ Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ?+
3 Nanso Serubabel ne Yesua+ ne Israel agyanom mmusua mu atitire+ nkaeɛ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛne mo nni hwee yɛ wɔ yɛn Nyankopɔn dan a yɛresie no mu,+ yɛn nko ara yɛbɛsi ama Yehowa, Israel Nyankopɔn no, sɛdeɛ Persia hene Kores+ ahyɛ yɛn no.”
14 Mo ne wɔn a wɔnnye nnie nntwe kɔndua korɔ.+ Na twaka bɛn na tenenee ne amumuyɔ wɔ?+ Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ?+