22 Na wɔde anigyeɛ dii paanoo a mmɔreka nnim afahyɛ+ no nnanson; Yehowa maa wɔn ani gyeeɛ, na ɔmaa Asiria hene akoma baa wɔn so,+ na ɔhyɛɛ wɔn nsam den wɔ nokorɛ Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn fie adwuma no ho.
14 Afei Yehowa kanyan Sealtiel ba Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado, ne Yehosadak ba Yosua+ a ɔyɛ ɔsɔfo panin, ne ɔmanfoɔ a aka no nyinaa honhom,+ na wɔba bɛyɛɛ adwuma wɔ asafo Yehowa wɔn Nyankopɔn fie.+