1Persia hene Kores+ afe a ɛdi kan mu no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yehowa asɛm a ɔnam Yeremia+ so kaeɛ no bɛba mu nti, Yehowa kanyan+ Persia hene Kores honhom, na ɔmaa wɔbɔɔ dawuro+ n’ahennie nyinaa mu, na wɔtwerɛɛ+ nso sɛ:
5 Ɛnna Yuda ne Benyamin agyanom mmusua mu atitire+ ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ, obiara a nokorɛ Nyankopɔn kaa n’akoma+ no, sɔree sɛ wɔresan akɔsi Yehowa fie+ a na ɛwɔ Yerusalem no.
6 Enti ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ Serubabel nie, ‘“Ɛnyɛ asraafoɔdɔm so,+ na ɛnyɛ tumi so,+ na mmom me honhom so,”+ asafo Yehowa na aka.