Esra 5:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 “Mmuaeɛ a wɔde maa yɛn ne sɛ: ‘Ɔsoro ne asase Nyankopɔn+ nkoa ne yɛn, na fie a Israel hene kɛseɛ bi si wiee+ mfeɛ pii nie no na yɛresan asi bio. Nehemia 2:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Ɛnna ɔhene bisaa me sɛ: “Ɛdeɛn na wopɛ sɛ woyɛ?”+ Ntɛm ara na mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn+ mpaeɛ.+ Dwom 115:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Ɔsoro yɛ Yehowa soro,+Na asase deɛ, ɔde ama nnipa mma.+
11 “Mmuaeɛ a wɔde maa yɛn ne sɛ: ‘Ɔsoro ne asase Nyankopɔn+ nkoa ne yɛn, na fie a Israel hene kɛseɛ bi si wiee+ mfeɛ pii nie no na yɛresan asi bio.