Leviticus 26:40 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 40 Afei wɔbɛka wɔn ara wɔn bɔne+ ne wɔn agyanom bɔne ne wɔn amumuyɔsɛm, sɛdeɛ wɔne me dii asie+ no. 2 Ahemfo 22:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 sɛ́ woanyɛ w’akoma+ den na wobrɛɛ wo ho ase+ Yehowa anim berɛ a wotee nsɛm a maka atia kuro yi ne wɔn a wɔtete mu sɛ ɛbɛyɛ ahodwirideɛ ne nnome,+ na wosuanee+ w’atadeɛ mu suu m’anim nti, me nso mate,” Yehowa asɛm nie.+ Nehemia 9:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Na Israel asefoɔ tee wɔn ho+ firii ananafoɔ+ no nyinaa ho, na wɔsɔre kaa+ wɔn ara wɔn bɔne+ ne wɔn agyanom amumuyɔ.+
19 sɛ́ woanyɛ w’akoma+ den na wobrɛɛ wo ho ase+ Yehowa anim berɛ a wotee nsɛm a maka atia kuro yi ne wɔn a wɔtete mu sɛ ɛbɛyɛ ahodwirideɛ ne nnome,+ na wosuanee+ w’atadeɛ mu suu m’anim nti, me nso mate,” Yehowa asɛm nie.+
2 Na Israel asefoɔ tee wɔn ho+ firii ananafoɔ+ no nyinaa ho, na wɔsɔre kaa+ wɔn ara wɔn bɔne+ ne wɔn agyanom amumuyɔ.+