11 Na Asa su frɛɛ Yehowa, ne Nyankopɔn+ sɛ: “O Yehowa, ɛnyɛ den mma wo sɛ wobɛboa nnipa, sɛ́ wɔdɔɔso anaa wɔnni ahoɔden.+ O Yehowa yɛn Nyankopɔn, boa yɛn, na wo so na yɛde yɛn ani atoɔ;+ wo din mu+ na yɛaba saa dɔm yi soɔ. O Yehowa, wone yɛn Nyankopɔn.+ Mma nipa dasani nnni wo so nkonim.”+