11 O Yehowa, wo na kɛseyɛ+ ne tumi+ ne hyerɛn+ ne animuonyam+ ne anidie+ wɔ woɔ; na deɛ ɛwɔ ɔsoro ne asase so nyinaa yɛ wo dea.+ O Yehowa, wo na ahennie+ wɔ woɔ, na wo nso na wokorɔn sene adeɛ nyinaa.+
17 Awɛmfoɔ+ ahyɛdeɛ so na asɛm yi ba, na akronkronfoɔ asɛm so na atemmuo yi gyina na ama ateasefoɔ ahunu sɛ Ɔsorosoroni no na ɔdi adasamma ahennie so tumi,+ na obiara a ɔpɛ no, ɔde ma no,+ na nnipa mu ketewa koraa na ɔde no si soɔ.”+