45 Ɛnna Dawid nso ka kyerɛɛ Filistini no sɛ: “Wode nkrantɛ ne pea ne pɛmɛ+ na ɛreba me soɔ, na me deɛ, mede asafo Yehowa,+ Israel mpasua no Nyankopɔn a woasopa+ no no din na ɛreba wo soɔ.
12 Na hwɛ! Nokorɛ Nyankopɔn no di yɛn anim,+ ɔne n’asɔfoɔ+ ne ɔsa ntotorobɛnto+ a wɔbɛbɔ agu mo soɔ no. Enti Israel mma, mo ne Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn no nnko,+ ɛfiri sɛ ɛrensi mo yie.”+