7 Ɔyi n’adɔeɛ adi kyerɛ nnipa mpempem,+ na ɔde mfomsoɔ ne mmarato ne bɔne firi,+ nanso ɔremma deɛ ɔdi fɔ mfa ne ho nni.+ Na ɔde agyanom bɔne ho asotwe ba mma ne mmanana ne nanankansowanom mpo so.”+
14 na sɛ me man+ a me din+ da wɔn soɔ no brɛ wɔn ho ase+ na wɔbɔ mpaeɛ+ hwehwɛ m’akyiri kwan,+ na wɔdane firi wɔn akwammɔne+ ho a, ɛnneɛ me nso mɛfiri ɔsoro atie+ na mede wɔn bɔne akyɛ+ wɔn, na masa wɔn asase yareɛ.+
19 O Yehowa, tie yɛn.+ O Yehowa, fa firi yɛn.+ O Yehowa, yɛ aso na keka wo ho.+ O me Nyankopɔn, wo din nti, ntwentwɛn wo nan ase,+ ɛfiri sɛ wo din na ɛda wo kuro ne wo man soɔ.”+