Dwom 86:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 O Yehowa, kyerɛkyerɛ me wo kwan.+Mɛnante wo nokorɛ mu.+Ma me akoma koro na ɛnsuro wo din.+ Dwom 119:36 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 36 Ma m’akoma nkɔ wo nkaesɛm so,+Na mma no nnkɔ mfasopɛ so.+ 2 Tesalonikafoɔ 3:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Awurade nkɔ so nkyerɛ mo akoma kwan nkɔ Onyankopɔn dɔ+ ho ne Kristo ho boasetɔ+ mu.