Dwom 51:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Hwɛ! amumuyɔ mu na wɔwoo me,+Na bɔne mu na me maame nyinsɛnee me.+ Dwom 130:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 O Yah, sɛ mfomsoɔ na wohwɛ a,+O Yehowa, anka hwan na ɔbɛgyina?+ Dwom 143:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Wo ne w’akoa nnni asɛm,+Na ɔteasefoɔ biara ntumi nni bem w’anim.+ Mmebusɛm 20:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Hwan na ɔbɛtumi aka sɛ: “Mate m’akomam;+ mahohoro me bɔne”?+ Ɔsɛnkafoɔ 7:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Ɔteneneeni biara nni asase so a adepa nko ara na ɔyɛ na ɔnyɛ bɔne.+ Yesaia 53:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Yɛn nyinaa te sɛ nnwan a wɔafom kwan;+ obiara afa ne kwan. Na Yehowa ama yɛn nyinaa bɔne abɛgu ne so.+ Romafoɔ 3:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Wɔn nyinaa ayɛ bɔne+ na wɔnnuru Onyankopɔn animuonyam ho,+ Galatifoɔ 3:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Nanso Twerɛnsɛm+ no kaa nneɛma nyinaa hyɛɛ bɔne ase,+ na ama wɔde bɔhyɛ a ɛfiri Yesu Kristo mu gyidie mu no ama wɔn a wɔgye die.+ 1 Yohane 1:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Sɛ yɛka sɛ: “Bɔne nni yɛn ho”+ a, na yɛredaadaa yɛn ho,+ na nokorɛ no nni yɛn mu.
6 Yɛn nyinaa te sɛ nnwan a wɔafom kwan;+ obiara afa ne kwan. Na Yehowa ama yɛn nyinaa bɔne abɛgu ne so.+
22 Nanso Twerɛnsɛm+ no kaa nneɛma nyinaa hyɛɛ bɔne ase,+ na ama wɔde bɔhyɛ a ɛfiri Yesu Kristo mu gyidie mu no ama wɔn a wɔgye die.+