Ɔsoro-forɔ Dwom.
130 O Yehowa, mefiri bunu mu na mafrɛ woɔ.+
2 O Yehowa, tie me nne.+
Yɛ asõ tie me nkotɔsrɛ nne.+
3 O Yah, sɛ mfomsoɔ na wohwɛ a,+
O Yehowa, anka hwan na ɔbɛgyina?+
4 Wo na fafirie wɔ wo nsam+
Na ama nnipa asuro wo.+
5 M’ani da wo so, O Yehowa, me kra ani da wo so;+
N’asɛm so na m’ani da.+
6 Me kra twɛn Yehowa+
Sene sɛ awɛmfoɔ twɛn adekyeeɛ;+
Awɛmfoɔ a wɔtwɛn sɛ adeɛ bɛkye.+
7 Momma Israel ntwɛn Yehowa.+
Yehowa nkyɛn na adɔeɛ wɔ,+
Na ɔgyeɛ a ɛdɔɔso wɔ ne nsam.+
8 Ɔno na ɔbɛgye Israel afiri ne mfomsoɔ nyinaa mu.+