Dwom Ɔsoro-forɔ Dwom. 129 “Wɔatan me akyɛ firi me mmɔfraase,”+Momma Israel nka sɛ,+ 2 “Wɔatan me akyɛ firi me mmɔfraase;+Nanso wɔnnii me so.+ 3 M’akyi na funtumfoɔ afuntum;+Wɔama wɔn akã ayeyɛ atenten.” 4 Yehowa tene.+Watwitwa nnebɔneyɛfoɔ nhoma mu asinasini.+ 5 Wɔn a wɔtan Sion nyinaa+Ani bɛwu na wɔasan wɔn akyi.+ 6 Wɔbɛyɛ sɛ ɛdan atifi serɛ+ aWɔnnya ntutuiɛ mpo na akusa;+ 7 Otwafoɔ remfa nhyɛ ne nsa mã,+Na deɛ ɔboaboa ano nso remfa ngu ne kokom. 8 Na wɔn a wɔretwam nso renka sɛ:“Yehowa nhyira mmra mo so.+Yɛde Yehowa din hyira mo.”+