Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 1 Berɛsosɛm 29:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Ɛnna Dawid hyiraa+ Yehowa wɔ badwa+ no nyinaa anim, na Dawid kaa sɛ: “O Yehowa, yɛn agya Israel+ Nyankopɔn, nhyira nka wo+ daa daa.

  • 2 Berɛsosɛm 6:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 Na ɔkaa sɛ: “Nhyira nka Yehowa, Israel Nyankopɔn+ a ɔde n’ano kasa kyerɛɛ me papa Dawid,+ na ɔnam ne nsa so ama no aba mu+ no; ɔno na ɔkaa sɛ,

  • Nehemia 9:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 Na Lewifoɔ Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia kaa sɛ: “Monsɔre na monyi Yehowa, mo Nyankopɔn ayɛ+ nkɔsi daa daa.+ Ma wɔnkamfo w’animuonyam din+ a wɔama so atra nkamfoɔ ne ayeyie nyinaa no.

  • Dwom 41:13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 Nhyira nka Yehowa, Israel Nyankopɔn no+

      Daa daa.+

      Amen ne Amen.+

  • Luka 1:68
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 68 “Nhyira nka Yehowa, Israel Nyankopɔn,+ sɛ wama n’ani aba ne nkurɔfoɔ+ so na wagye+ wɔn.

  • Adiyisɛm 4:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 “Yehowa, yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wogye animuonyam+ ne anidie+ ne tumi,+ ɛfiri sɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa,+ na wo pɛ+ nti na ɛwowɔ hɔ na wobɔeɛ.”+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane