Leviticus 26:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Mɛbubu ahantan a ayɛ mo kokuroo no, na mɛma mo soro ayɛ sɛ dadeɛ+ na mo asase ayɛ sɛ kɔbere. Deuteronomium 11:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Sɛ moyɛ saa a, Yehowa abufuo bɛdɛre atia mo, na ɔbɛto ɔsoro mu na nsuo rentɔ,+ na asase remmɔ aduane. Ɛba saa a, ɛrenni da bi na moawuwu afiri asase pa a Yehowa de ama mo no so.+ Deuteronomium 28:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Na wiem a ɛhata wo soɔ yi bɛdane kɔbere na asase a ɛwɔ w’aseɛ yi adane dadeɛ.+
17 Sɛ moyɛ saa a, Yehowa abufuo bɛdɛre atia mo, na ɔbɛto ɔsoro mu na nsuo rentɔ,+ na asase remmɔ aduane. Ɛba saa a, ɛrenni da bi na moawuwu afiri asase pa a Yehowa de ama mo no so.+