9 Hwee nni Adaka no mu, gye aboɔpono+ mmienu a Mose de guu mu+ wɔ Horeb no; da a Israel mma firi Egypt asase so reba+ a Yehowa ne wɔn yɛɛ apam+ no na ɔde guu mu.
4 Ɛhɔ na na wɔkora sika aduhwamhyeɛ adeɛ+ ne apam adaka+ a wɔde sika adura ho+ nyinaa a emu na na sika kuruwa a mana+ wom ne Aaron poma a ɛfefɛeɛ+ ne apam aboɔpono+ no wɔ no,