4 Yei ne kwan a wɔfaa so yɛɛ kaneadua no. Wɔboroo sika kɔkɔɔ na ɛyɛeɛ. Ɛfiri ne nkorabata so kɔsi ne nhwiren soɔ nyinaa yɛ sika a wɔaborɔ.+ Mose yɛɛ kaneadua no sɛdeɛ anisoadeɛ+ a Yehowa yi kyerɛɛ no no teɛ pɛpɛɛpɛ.
5 nanso saa nnipa no resom wɔ ɔsoro nneɛma no nsususoɔ+ ne ne sunsum+ mu; ɛte sɛ berɛ a Mose rebɛsi ntomadan+ no, Onyankopɔn maa no ahyɛdeɛ+ yi: Na ɔka sɛ: “Hwɛ sɛ wobɛyɛ nneɛma nyinaa sɛdeɛ ne nhwɛsoɔ a mede kyerɛɛ wo bepɔ no soɔ no teɛ.”+