Exodus 25:40 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 40 Na hwɛ sɛ wobɛyɛ no sɛ ne nhwɛsoɔ a mede kyerɛɛ wo bepɔ no soɔ no.+ Exodus 26:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 Si ntomadan no sɛdeɛ nhwɛsoɔ a mede kyerɛɛ wo bepɔ no soɔ no teɛ.+ Numeri 8:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Yei ne kwan a wɔfaa so yɛɛ kaneadua no. Wɔboroo sika kɔkɔɔ na ɛyɛeɛ. Ɛfiri ne nkorabata so kɔsi ne nhwiren soɔ nyinaa yɛ sika a wɔaborɔ.+ Mose yɛɛ kaneadua no sɛdeɛ anisoadeɛ+ a Yehowa yi kyerɛɛ no no teɛ pɛpɛɛpɛ. Asomafoɔ Nnwuma 7:44 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 44 “Yɛn agyanom nyaa adanseɛ ntomadan no wɔ serɛ no so, sɛdeɛ ɔhyɛɛ Mose berɛ a ɔrekasa akyerɛ no sɛ ɔnyɛ no sɛ nhwɛsodeɛ a ɔhunuiɛ no.+
4 Yei ne kwan a wɔfaa so yɛɛ kaneadua no. Wɔboroo sika kɔkɔɔ na ɛyɛeɛ. Ɛfiri ne nkorabata so kɔsi ne nhwiren soɔ nyinaa yɛ sika a wɔaborɔ.+ Mose yɛɛ kaneadua no sɛdeɛ anisoadeɛ+ a Yehowa yi kyerɛɛ no no teɛ pɛpɛɛpɛ.
44 “Yɛn agyanom nyaa adanseɛ ntomadan no wɔ serɛ no so, sɛdeɛ ɔhyɛɛ Mose berɛ a ɔrekasa akyerɛ no sɛ ɔnyɛ no sɛ nhwɛsodeɛ a ɔhunuiɛ no.+