-
Exodus 37:17-24Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
17 Afei ɔde hamma boroo sika kɔkɔɔ amapa de yɛɛ kaneadua+ no. Sɛdeɛ ɔyɛɛ no nie: Ɔmaa no nyaa deɛ ɛbɛgyina so, ɛnan, nkuruwa, funuma, ne nhwiren. Ɔyɛɛ ne nyinaa boom baako.+ 18 Kaneadua no nyaa nkorabata nsia, nkorabata mmiɛnsa wɔ fã baako na mmiɛnsa nso wɔ fã a aka no. 19 Ɔmaa ɛfã baako nkorabata biara nyaa nkuruwa mmiɛnsa a ɛte sɛ aborɔfo nkateɛ nhwiren, funuma, ne nhwiren; wofiri funuma so a, na wokɔ nhwiren so. Ɔmaa ɛfã a aka no nso nkorabata biara nyaa nkuruwa mmiɛnsa a ɛte sɛ aborɔfo nkateɛ nhwiren, funuma, ne nhwiren; wofiri funuma so a, na wokɔ nhwiren so. Saa na ɔyɛɛ nkorabata nsia a ɛwowɔ kaneadua no nan ho nyinaa. 20 Afei ɔyɛɛ nkuruwa nnan a ɛte sɛ aborɔfo nkateɛ nhwiren wɔ kaneadua no nan ho. Na ɔyɛɛ funuma ne nhwiren nso wɔ ho; wofiri funuma so a, na wokɔ nhwiren so. 21 Faako a nkorabata mmienu a ɛdi kan no pue firi kaneadua no ho no, ɔyɛɛ funuma wɔ aseɛ; faako a nkorabata mmienu a ɛdi hɔ no pue no, ɔyɛɛ funuma wɔ aseɛ; faako a nkorabata mmienu a ɛtwa toɔ no pue no nso, ɔyɛɛ funuma wɔ aseɛ. Enti baabi a nkorabata nsia no paapae wɔ kaneadua no ho biara, ɔyɛɛ bi wɔ aseɛ. 22 Funuma ne nkorabata ne kaneadua mu no nyinaa, ɔde hamma boroo sika kɔkɔɔ amapa na ɔyɛɛ ne nyinaa boom baako. 23 Ɛnna ɔde sika kɔkɔɔ amapa yɛɛ nkanea nson,+ ɛho nneɛma a wɔde fa gya ne nkyɛnsee a wɔde gya gu mu. 24 Sika kɔkɔɔ amapa dwetikɛseɛ* baako na ɔde yɛɛ kaneadua no ne ɛho nneɛma nyinaa.
-