26 “‘Na sɛ moredi mo Nnawɔtwe Afahyɛ no+ a, da a mote mo aba a ɛdi kan no,+ sɛ mode hwiit* foforɔ no bi rebɛbɔ aduane afɔreɛ ama Yehowa a,+ monyɛ nhyiamu kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara.+
9 “Kan nnawɔtwe nson. Ɛda a ɛdi kan a wode kantankrankyi* bɛto wo hwiit* so sɛ woretwa no, kan nnawɔtwe nson no firi saa da no.+10 Afei di Nnawɔtwe Afahyɛ ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Hwɛ sɛdeɛ Yehowa wo Nyankopɔn ahyira wo no ho na fa ayamyɛ afɔreɛ bra.+