-
Yosua 23:12, 13Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
12 “Nanso sɛ mosan mo akyi de mo ho kɔbata aman a aka a mo ne wɔn te yi ho,+ na mowareware wɔn*+ anaa mo ne wɔn bɔ a, 13 ɛnneɛ monhunu sɛ Yehowa mo Nyankopɔn renkɔ so mpamo* aman yi mfiri mo anim.+ Na wɔbɛdane fidie ama mo, na wɔabɛyɛ abaa* wɔ mo akyi,+ ne nkasɛɛ wɔ mo aniwa mu, akɔsi sɛ mo ase bɛtɔre afiri asaase pa a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo yi so.
-