Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 1 Ahemfo 4:34
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 34 Nkurɔfoɔ firii aman nyinaa mu bɛtiee Solomon nyansa; ahemfo a wɔfiri asaase so mmaa nyinaa a wɔtee ne nyansa ho asɛm nso bɛtiee no.+

  • 1 Ahemfo 10:4-7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 Berɛ a Saba hemmaa huu Solomon nyansa nyinaa,+ efie a wasi,+ 5 nnuane a ɛwɔ ne pono so,+ sɛdeɛ n’ahemfie mpanimfoɔ tete ne nkyɛn, n’asomfoɔ a wɔsom wɔ pono ho ne wɔn ntaadeɛ, nsahyɛfoɔ, ne ɔhyeɛ afɔreɛ a daa ɔbɔ no Yehowa fie no, ɔhemmaa no ho dwirii no papaapa.* 6 Enti ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Wo nyansa ne deɛ woayɛ ho nsɛm* a metee no m’asaase so nyinaa yɛ nokorɛ. 7 Mannye wɔn nsɛm no anni kɔsii sɛ me ara mede m’ani bɛhunuiɛ; deɛ wɔka kyerɛɛ me no, anokwa, ɛnnuru wo nyansa ne w’ahonyadeɛ no fã mpo! Deɛ mabɛhunu yi boro deɛ meteeɛ no so koraa.

  • Daniel 1:19, 20
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 19 Berɛ a ɔhene ne wɔn kasaeɛ no, nnipa no nyinaa mu no, wanhu obiara a ɔte sɛ Daniel, Hanania, Misael, ne Asaria;+ na wɔtenaa hɔ som ɔhene no. 20 Asɛm a ɛhia nyansa ne nhunumu biara a ɔhene bisaa wɔn no, ɔhuu sɛ wɔn nyansa ne wɔn nhunumu boro akɔmfoɔ ne nkonyaayifoɔ+ a wɔwɔ n’ahennie nyinaa mu no nyinaa deɛ so mprɛ du.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane