-
Adiyisɛm 22:18, 19Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
18 “Obiara a ɔte nkɔmhyɛ nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ yi mu no, medi no adanseɛ sɛ: Sɛ obi de biribi ka weinom ho+ a, Onyankopɔn de ɔhaw a wɔatwerɛ no nwoma mmobɔeɛ yi mu+ no bɛka ne ho; 19 na sɛ obi yi asɛm bi firi nkɔmhyɛ nwoma yi mu a, Onyankopɔn bɛyi ne kyɛfa afiri nkwa nnua+ no ne kuro kronkron+ no mu, deɛ wɔatwerɛ ho asɛm wɔ nwoma mmobɔeɛ yi mu no.
-