33 Ɛno akyi no, wɔdanee wɔn ho, na wɔfaa Basan Kwan so foro kɔe. Na Basan hene Og+ de ne nkurɔfoɔ nyinaa kɔhyiaa Israelfoɔ no sɛ wɔne wɔn rekɔko wɔ Edrei.+
4 Saa berɛ no, yɛfaa ne nkuro nyinaa. Kuro baako mpo nni hɔ a yɛannye amfiri wɔn nsam. Yɛfaa nkuro 60 wɔ Argob asaase so nyinaa, kyerɛ sɛ, Og ahemman a ɛwɔ Basan no.+