11 Saa berɛ no, na Basan hene Og nko ara ne Refaimni a waka. Mpa a wɔde ne funu too so no, dadeɛ* na wɔde yɛeɛ. Mpa yi da so si Ammonfoɔ kuro Raba. Sɛ wɔsusu no basafa* mu sɛdeɛ obiara nim no a, ne tenten yɛ basafa nkron, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nnan.
8 Manase abusuakuo no fã a aka no ne Rubenfoɔ ne Gadfoɔ kɔfaa wɔn agyapadeɛ a Mose de maa wɔn wɔ Yordan agya wɔ apueeɛ fam no, sɛdeɛ na Yehowa akoa Mose de ama wɔn dada no:+
12 ne Og a ɔdii adeɛ wɔ Astarot ne Edrei no ahemman a ɛwɔ Basan nyinaa. (Refaimfoɔ a na wɔaka no, na Og ka ho.)+ Mose dii wɔn so nkonim tuu wɔn firii hɔ.*+