Numeri
21 Berɛ a Arad hene+ a ɔyɛ Kaananni a na ɔte Negeb no tee sɛ Israelfoɔ nam Atarim kwan so reba no, ɔkɔto hyɛɛ wɔn so, na ɔkyee wɔn mu bi kɔe. 2 Enti Israel hyɛɛ Yehowa bɔ sɛ: “Sɛ wode saa nkurɔfoɔ yi hyɛ me nsa a, sɛdeɛ ɛteɛ biara mɛsɛe wɔn nkuro pasaa.” 3 Enti Yehowa tiee Israelfoɔ nne, na ɔde Kaananfoɔ no hyɛɛ wɔn nsa, na wɔsɛee wɔne wɔn nkuro pasaa. Enti wɔtoo hɔ din Horma.*+
4 Berɛ a wɔtoaa wɔn akwantuo no so firii Hor Bepɔ+ ho no, wɔfaa Ɛpo Kɔkɔɔ kwan no so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtwa afa Edom asaase no ho.+ Akwantuo no nti, na nkurɔfoɔ no* abrɛ. 5 Na nkurɔfoɔ no kasa tiaa Onyankopɔn ne Mose+ mprɛ pii sɛ: “Adɛn nti na mode yɛn afiri Egypt aba serɛ yi so sɛ yɛmmɛwuwu? Aduane biara nni ha, nsuo biara nni ha,+ na aduanefõ yi afono yɛn.”*+ 6 Enti Yehowa maa awɔ a wɔn ano wɔ borɔ* baa nkurɔfoɔ no mu bɛkekaa wɔn, na Israelfoɔ pii wuwui.+
7 Enti nkurɔfoɔ no baa Mose nkyɛn, na wɔkaa sɛ: “Yɛayɛ bɔne ɛfiri sɛ yɛakasa atia Yehowa ne wo.+ Pa Yehowa kyɛw ma yɛn, na ɔmma awɔ no nkɔ.” Na Mose paa kyɛw maa nkurɔfoɔ no.+ 8 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ ɔwɔ a n’ano wɔ borɔ,* na yɛ bi sɛn dua so. Na sɛ ɔwɔ ka obi a, ɔmma n’ani so nhwɛ deɛ ɛsɛn hɔ no na ɔnnya nkwa.” 9 Ɛhɔ ara na Mose de kɔbere yɛɛ ɔwɔ+ de sɛn dua so.+ Na berɛ biara a ɔwɔ bɛka obi no, na wahwɛ ɔwɔ a wɔde kɔbere ayɛ no, na wanya nkwa.+
10 Ɛno akyi no, Israelfoɔ tui, na wɔkɔkyekyeree asoɛeɛ wɔ Obot.+ 11 Afei wɔtu firii Obot kɔkyekyeree asoɛeɛ wɔ Ye-Abarim,+ serɛ a ɛne Moab di nhwɛanimu a ɛwɔ apueeɛ fam no so. 12 Wɔtu firii hɔ nso, na wɔkɔsoɛɛ Sered Bɔn* ho.+ 13 Wɔsan tu firii hɔ, na wɔkɔsoɛɛ Arnon mpɔtamu.+ Serɛ a ɛfiri aseɛ firi Amorifoɔ hyeɛ so no, ɛso na Arnon wɔ, ɛfiri sɛ Arnon na ɛyɛ Moab hyeɛ, na ɛda Moab ne Amorifoɔ ntam. 14 Ɛno nti na wɔatwerɛ wɔ Yehowa Akodie nwoma no mu sɛ: “Waheb a ɛwɔ Sufa, ne Arnon abɔn,* 15 ne baabi a abɔn* no siane* a ɛtrɛ kɔ Ar kuro no ho na ɛkɔfa Moab hyeɛ so no.”
16 Afei wɔfirii hɔ kɔɔ Beer. Wei ne abura a Yehowa kaa ho asɛm kyerɛɛ Mose sɛ: “Boaboa nkurɔfoɔ no ano na memma wɔn nsuo” no.
17 Saa berɛ no, Israelfoɔ no too dwom sɛ:
“O asubura, tue! Monnye so* ɛ!
18 Abura yi na aberempɔn tuiɛ. Ɔman no mu adehyeɛ na wɔtuiɛ.
Wɔde ahempoma ne wɔn ankasa mpoma na ɛtuiɛ.”
Afei wɔfirii serɛ so hɔ kɔɔ Matana. 19 Na wɔfirii Matana kɔɔ Nahaliel, na wɔfirii Nahaliel kɔɔ Bamot.+ 20 Wɔfirii Bamot kɔɔ ɛbɔn a ɛwɔ Moab asaase so+ wɔ Pisga atifi+ a ɛkyerɛ Yesimon* no ho.+
21 Na Israel somaa nkurɔfoɔ kɔɔ Amorifoɔ hene Sihon hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ:+ 22 “Ma yɛntwam mfa w’asaase so. Yɛremmane mfa afuo anaa bobefuo* biara mu. Yɛrennom abura biara mu nsuo. Yɛbɛfa Ɔhene Kwan no so kɔsi sɛ yɛbɛtwam w’asaase so.”+ 23 Nanso Sihon amma Israelfoɔ no amfa n’asaase so. Mmom Sihon boaboaa ne nkurɔfoɔ nyinaa ano, na wɔpue kɔhyiaa Israelfoɔ wɔ serɛ no so, na ɔbaa Yahas, na ɔfirii aseɛ ne Israel koe.+ 24 Na Israelfoɔ de sekan kum no,+ na wɔfaa n’asaase,+ ɛfiri Arnon+ kɔsi Yabok.+ Ná ɛhɔ bɛn Ammonfoɔ, ɛfiri sɛ Yaser+ wɔ Ammonfoɔ hyeɛ so.+
25 Enti Israelfoɔ faa nkuro yi nyinaa, na wɔfirii aseɛ tenatenaa Amorifoɔ nkuro nyinaa mu,+ Hesbon ne ɛho nkuro nyinaa mu. 26 Ná Hesbon yɛ Amorifoɔ hene Sihon kuro. Ɔne Moab hene koe, na ɔgyee ne nsaase nyinaa kɔsii Arnon tɔnn. 27 Wei na ɛkɔfaa akasabebuo a wɔde di fɛ yi baeɛ sɛ:
“Bra Hesbon.
Ma wɔnkyekyere Sihon kuro no mma ne fapem nyɛ den.
28 Ɛfiri sɛ egya bi firii Hesbon bae, gyaframa bi firii Sihon kuro mu.
Ahye Ar a ɛwɔ Moab, Arnon sorɔnsorɔmmea* wuranom no.
29 Moab, asɛm ato wo! Mo, Kemos+ nkurɔfoɔ, wɔbɛsɛe mo!
Ɔma ne mma mmarima dane akobɔfoɔ, na ɔma Amorifoɔ hene Sihon kye ne mma mmaa de wɔn kɔ.
30 Momma yɛnto nhyɛ wɔn so;
Hesbon ase bɛhye akɔsi Dibon+ tɔnn;
Momma yɛnsɛe no nkɔduru Nofa tɔnn;
Egya bɛhye akɔduru Medeba+ tɔnn.”
31 Enti Israelfoɔ firii aseɛ tenatenaa Amorifoɔ asaase so. 32 Afei Mose somaa mmarima bi maa wɔwiaa wɔn ho kɔhwɛɛ sɛdeɛ Yaser+ teɛ. Na wɔfaa ɛho nkuro, na wɔtuu Amorifoɔ a wɔtete hɔ no. 33 Ɛno akyi no, wɔdanee wɔn ho, na wɔfaa Basan Kwan so foro kɔe. Na Basan hene Og+ de ne nkurɔfoɔ nyinaa kɔhyiaa Israelfoɔ no sɛ wɔne wɔn rekɔko wɔ Edrei.+ 34 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Nsuro no,+ ɛfiri sɛ mede ɔne ne nkurɔfoɔ nyinaa ne n’asaase bɛhyɛ wo nsa,+ na sɛdeɛ woyɛɛ Amorifoɔ hene Sihon a na ɔte Hesbon no, saa ara na wobɛyɛ no.”+ 35 Enti wɔkunkum ɔne ne mma ne ne nkurɔfoɔ nyinaa, na anka ne nkurɔfoɔ no baako mpo;+ na wɔfaa n’asaase no.+