Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 2:30-35
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 30 Nanso Hesbon hene Sihon amma yɛamfa n’asaase so, ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn maa kwan maa ɔsenee ne kɔn+ na ɔpirim n’akoma, na ama ɔde no ahyɛ mo nsa sɛdeɛ nnɛ mo ani tua yi.+

      31 “Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Hwɛ, mafiri aseɛ redane Sihon ne n’asaase ama wo, enti firi aseɛ fa n’asaase no.’+ 32 Berɛ a Sihon ne ne dɔm nyinaa bɛhyiaa yɛn ne yɛn firii aseɛ koo wɔ Yahas no,+ 33 Yehowa yɛn Nyankopɔn de no hyɛɛ yɛn nsa, enti yɛdii ɔne ne mma ne ne manfoɔ nyinaa so nkonim. 34 Saa berɛ no, yɛko faa ne nkuro nyinaa sɛee no, na yɛkunkum emu mmarima, mmaa, ne mmɔfra nyinaa. Yɛannya onipa baako mpo.+ 35 Wɔn nyɛmmoa nko ara na yɛfaeɛ, na yɛnyaa nneɛma foforɔ nso wɔ nkuro a yɛko faeɛ no mu.

  • Deuteronomium 29:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 Berɛ a mobɛduruu ha no, Hesbon hene Sihon+ ne Basan hene Og+ bɛhyiaa yɛn ne yɛn koeɛ, nanso yɛdii wɔn so nkonim.+

  • Atemmufoɔ 11:19, 20
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 19 “‘Akyire yi, Israel somaa nkurɔfoɔ kɔɔ Amorifoɔ hene Sihon, Hesbon hene no nkyɛn, na Israel ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, ma yɛmfa w’asaase so nkɔ baabi a yɛrekɔ.”+ 20 Nanso na Sihon nnye Israelfoɔ no nni sɛ wɔpɛ sɛ wɔfa n’asaase so kɛkɛ, enti Sihon boaboaa ne nkurɔfoɔ nyinaa ano, na wɔkɔsoɛɛ Yahas, na wɔne Israelfoɔ koe.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane