-
Deuteronomium 2:26-28Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
26 “Afei metuu abɔfoɔ firii Kedemot+ serɛ so sɛ wɔnkɔka asomdwoeɛsɛm+ nkyerɛ Hesbon hene Sihon sɛ, 27 ‘Ma mentwam mfa w’asaase so. Kwantempɔn no ara so na mɛfa; meremmane nifa anaa benkum.+ 28 Aduane a wobɛtɔn ama me na mɛdi, na nsuo a wobɛtɔn ama me na mɛnom. Deɛ meresrɛ ara ne baabi a mede me nan bɛtia.
-