Numeri
21 Na Arad+ hene yɛ Kanaanni a ɔte Negeb,+ na berɛ a ɔtee sɛ Israelfoɔ nam Atarim kwan so reba no, ɔne wɔn kɔkoeɛ na ɔfaa wɔn mu bi nnommum. 2 Afei Israel hyɛɛ Yehowa bɔ sɛ:+ “Sɛ wode saa nkurɔfoɔ yi hyɛ me nsa a, ɛnneɛ me nso mɛsɛe wɔn nkuro pasaa.”+ 3 Yehowa tiee Israel na ɔde Kanaanfoɔ no hyɛɛ ne nsa, na ɔsɛee wɔn ne wɔn nkuro pasaa. Enti wɔtoo hɔ din Horma.+
4 Berɛ a wɔfiri Bepɔ Hor+ ho rekorɔ no, wɔkɔnwonwan faa Po Kɔkɔɔ no ho twaa Edom+ asase no gyaeɛ. Ɛkwan no nti, na nkurɔfoɔ no kra abrɛ. 5 Ɛnna nkurɔfoɔ no kasa tiaa Onyankopɔn+ ne Mose sɛ:+ “Adɛn nti na mode yɛn afiri Egypt aba serɛ yi so sɛ yɛmmɛwuwuo?+ Hwɛ, aduane ne nsuo biara nni ha,+ na aduane hunu yi+ afono yɛn kra.” 6 Enti Yehowa maa awɔ a wɔn ano wɔ borɔ+ baa nkurɔfoɔ no mu bɛkekaa wɔn, na Israelfoɔ pii wuwuiɛ.+
7 Afei nkurɔfoɔ no bɛka kyerɛɛ Mose sɛ: “Yɛayɛ bɔne+ ɛfiri sɛ yɛakasa atia Yehowa ne wo. Pa Yehowa kyɛw ma yɛn na ɔmma awɔ no nkɔ.”+ Ɛnna Mose kɔpaa kyɛw maa ɔman no.+ 8 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Yɛ ɔwɔ a ne ho yɛ hu fa sɛn dua so. Na sɛ ɔwɔ ka wɔn mu bi a, ɔmma n’ani so nhwɛ deɛ ɛsɛn dua soɔ no na ɔnnya nkwa.”+ 9 Enti Mose de kɔbere yɛɛ ɔwɔ+ ntɛm ara de sɛn dua so.+ Afei sɛ ɔwɔ ka obi na ɔhwɛ+ ɔwɔ a wɔde kɔbere ayɛ a ɛsɛn dua soɔ no a, na wanya nkwa.+
10 Akyire yi Israelfoɔ tu kɔtenaa Obot.+ 11 Wɔsan tu firii Obot kɔtenaa Ye-Abarim+ wɔ serɛ so. Na ɛwɔ apueeɛ fam, baabi a ɛne Moab di nhwɛanimu. 12 Wɔfirii hɔ kɔtenaa Sered subɔn+ ho. 13 Wɔsan tu firii hɔ kɔtenaa Arnon+ mpɔtamu a ɛwɔ serɛ a ano kɔpem Amorifoɔ hyeɛ soɔ no so. Na Arnon da Moab ne Amorifoɔ ntam. 14 Ɛno nti na wɔatwerɛ no Yehowa Akodie nwoma no mu sɛ:
“Waheb a ɛwɔ Sufa ne Arnon nsubɔn no ho, 15 ne nsubɔn no ano, deɛ ɛtrɛ kɔ Ar+ san kɔfa Moab hyeɛ soɔ no.”
16 Wɔfirii hɔ kɔɔ Beer.+ Yei ne abura a Yehowa kaa ho asɛm kyerɛɛ Mose sɛ: “Boaboa nkurɔfoɔ no ano na memma wɔn nsuo” no.+
17 Saa berɛ no Israelfoɔ no too dwom sɛ:+
“Asubura, tue! Monnye ne so ɛ!
18 Abura yi na akunini tuiɛ. Ɔman no mu mmapɔmma na wɔtuiɛ.
Wɔde ahempoma,+ wɔn ara wɔn mpoma na ɛtuiɛ.”
Afei wɔfiri serɛ so hɔ kɔɔ Matana. 19 Wɔfiri Matana kɔɔ Nahaliel, na wɔfiri Nahaliel kɔɔ Bamot.+ 20 Wɔfiri Bamot kɔɔ subɔn a ɛwɔ Moab asase so+ wɔ Pisga+ atifi a ɛkyerɛ Yesimon+ no ho.
21 Afei Israel tuu abɔfoɔ kɔɔ Amorifoɔ hene Sihon+ nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: 22 “Mesrɛ wo ma memfa w’asase so. Yɛremfa afuo anaa bobeturo biara mu, na yɛrennom abura biara mu nsuo. Yɛbɛfa ɔhene tempɔn so akɔsi sɛ yɛbɛtwam afiri w’asase soɔ.”+ 23 Sihon amma Israelfoɔ no amfa n’asase so,+ mmom ɔboaboaa ne man nyinaa ano kɔhyiaa Israelfoɔ wɔ serɛ so, na ɔbaa Yahas+ ne Israel bɛkoeɛ. 24 Israel de nkrantɛ kum no,+ na ɔfaa n’asase+ firi Arnon+ kɔsii Yabok.+ Ná ɛhɔ bɛn Ammonfoɔ, ɛfiri sɛ na Yaser+ wɔ Ammonfoɔ hyeɛ so.+
25 Enti Israel faa nkuro yi nyinaa, na wɔbɛtenaa Amorifoɔ+ nkuro mu, Hesbon+ ne ɛho nkuro nyinaa mu. 26 Na Hesbon yɛ Amorifoɔ hene+ Sihon+ kuro. Saa ɔhene yi na ɔne Moab hene koo berɛ bi, na ɔgyee ne nsase nyinaa kɔsii Arnon.+ 27 Ɛno nti na wɔka no akasabebuo mu sɛ:
“Bra Hesbon.
Wɔnkyekyere Sihon kuro no mma ne fapem nyɛ den.
28 Egya bi firi Hesbon aba,+ gyaframa firi Sihon kuro no mu aba.
Ahye Ar+ a ɛwɔ Moab, Arnon sorɔnsorɔmmea ahwɛfoɔ no.
29 Moab, due! Kemosfoɔ,+ mo ase bɛhye!
Ne mma mmarima bɛdane adwanefoɔ na wɔafa ne mma mmaa nnommum akɔma Amorifoɔ hene Sihon.
30 Momma yɛnto nhyɛ wɔn so.
Hesbon ase bɛhye akɔsi Dibon,+
Na wɔbɛkunkum ne mmaa akɔsi Nofa, ne ne mmarima nso akɔsi Medeba+ tɔnn.”
31 Na Israelfoɔ no tenaa Amorifoɔ+ asase so. 32 Afei Mose soma maa wɔkɔhwɛɛ Yaser.+ Na wɔfaa ɛho nkuro, na wɔtuu Amorifoɔ a wɔte hɔ no firii so.+ 33 Akyire yi wɔdanee wɔn ho foro faa Basan kwan so.+ Ɛnna Basan hene Og+ boaa ne dɔm ano bɛhyiaa wɔn wɔ Edrei+ sɛ ɔne wɔn rebɛko. 34 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Nsuro no,+ na mede ɔne ne nkurɔfoɔ nyinaa ne n’asase bɛhyɛ wo nsa+ na woayɛ no sɛdeɛ woyɛɛ Amorifoɔ hene Sihon a na ɔte Hesbon no.”+ 35 Enti wɔkunkum ɔne ne mma ne ne nkurɔfoɔ nyinaa, na anka onipa baako mpo;+ na wɔfaa n’asase no.+