Numeri 22:36 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 36 Balak tee sɛ Balaam aba no, ɔyɛɛ ntɛm kɔhyiaa no Moab kurom wɔ Arnon nsuo ano, ɔman no hyeɛ so.+ Deuteronomium 2:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 “‘Monsɔre nkɔtwa Arnon+ subɔn no. Hwɛ, mede Hesbon hene Sihon+ a ɔyɛ Amorini no ahyɛ mo nsa. Enti momfiri aseɛ mfa n’asase na mo ne no nko. Atemmufoɔ 11:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Berɛ a wɔnam serɛ soɔ no, wɔtwa faa Edom+ ne Moab asase ho kɔpuee Moab asase no apueeɛ,+ na wɔkɔsoɛɛ Arnon mpɔtamu. Na wɔantra amma Moab asase so,+ ɛfiri sɛ na Arnon da Moab hyeɛ so.+
24 “‘Monsɔre nkɔtwa Arnon+ subɔn no. Hwɛ, mede Hesbon hene Sihon+ a ɔyɛ Amorini no ahyɛ mo nsa. Enti momfiri aseɛ mfa n’asase na mo ne no nko.
18 Berɛ a wɔnam serɛ soɔ no, wɔtwa faa Edom+ ne Moab asase ho kɔpuee Moab asase no apueeɛ,+ na wɔkɔsoɛɛ Arnon mpɔtamu. Na wɔantra amma Moab asase so,+ ɛfiri sɛ na Arnon da Moab hyeɛ so.+