21 Ɛnna Israel Nyankopɔn Yehowa de Sihon ne ne nkurɔfoɔ nyinaa hyɛɛ Israelfoɔ nsa, na wɔdii wɔn so nkonim, na Israelfoɔ faa nsaase a Amorifoɔ tete so wɔ saa mantam no mu nyinaa.+ 22 Enti wɔfaa Amorifoɔ nsaase nyinaa, ɛfiri Arnon kɔsi Yabok, ɛfiri serɛ so kɔsi Yordan ano.+