23 “‘Israel Nyankopɔn Yehowa na ɔtuu Amorifoɔ firii ne man Israel anim,+ ɛnna seesei wopɛ sɛ wopamo Israel firi so yi? 24 Asaase a wo nyame Kemos+ bɛma woagye no, ɛnyɛ ɛno ara na wobɛfa? Enti yɛn nso, obiara a Yehowa yɛn Nyankopɔn bɛpamo no afiri yɛn anim no, ɔno na yɛbɛfa n’asaase.+