15 “Nanso sɛ woanyɛ aso antie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni ne mmara ne n’ahyɛdeɛ a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, ɛnneɛ nnome yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+
36 Wo ne ɔhene a wode no bɛsi wo so no nyinaa, Yehowa de mo bɛkɔ ɔman a wo ne w’agyanom nnim wɔn so,+ na ɛhɔ na wobɛsom anyame foforɔ a wɔde dua ne aboɔ ayɛ.+
13 Enti mɛto mo afiri asaase yi so akɔ asaase a mo ne mo agyanom nnim soɔ so,+ na ɛhɔ na mobɛsom anyame foforɔ awia ne anadwo,+ ɛfiri sɛ merenhu mo mmɔbɔ.”’
39 “Enti Israel fie, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Mo mu biara nkɔsom n’abosom fĩ.+ Ɛno akyi no, sɛ moantie me a, morentumi mfa mo abosom fĩ ne mo afɔrebɔdeɛ no ngu me din kronkron no ho fĩ bio.’+