Exodus 25:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Ma wɔnyɛ tenabea kronkron mma me, na mɛtena wɔn mfimfini.+ Leviticus 26:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Me ne mo bɛnante na mayɛ mo Nyankopɔn,+ na mo nso moayɛ me man.+ Deuteronomium 5:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Onipa* bɛn na wate Onyankopɔn teasefoɔ no nne wɔ egya mu te sɛ yɛn na ɔda so te ase? 2 Samuel 7:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Na ɔman bɛn bio na ɛwɔ asaase so a ɛte sɛ wo man Israel?+ O Onyankopɔn, wogyee wɔn de wɔn yɛɛ wo man,+ na woyɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ a ɛyɛ hu+ maa wɔn de gyee din.+ Wo man a wogyee wɔn firii Egypt no, wɔn nti wopamoo amanaman no ne wɔn anyame.
23 Na ɔman bɛn bio na ɛwɔ asaase so a ɛte sɛ wo man Israel?+ O Onyankopɔn, wogyee wɔn de wɔn yɛɛ wo man,+ na woyɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ a ɛyɛ hu+ maa wɔn de gyee din.+ Wo man a wogyee wɔn firii Egypt no, wɔn nti wopamoo amanaman no ne wɔn anyame.