28 Ɔdii Yehowa nkyɛn nnafua 40, awia ne anadwo. Aduane ne nsuo biara anka n’ano.+ Na ɔtwerɛɛ* Mmara Nsɛm Du* a ɛyɛ apam no ho nsɛm no wɔ abopono no so.+
4 Na ɔtwerɛɛ Mmara Nsɛm Du*+ no guu abopono no so sɛdeɛ na ɛwɔ kane deɛ no so no.+ Wei ne nsɛm a Yehowa firi egya mu ka kyerɛɛ mo wɔ bepɔ no so,+ berɛ a mobɔɔ dwa no.+ Yehowa wieeɛ no, ɔde maa me.