11 Enti wɔde adwuma so ahwɛfoɔ sisii wɔn so sɛ wɔmfa adwumaden nhyɛ wɔn so;+ na wɔkyekyeree nkuro a wɔde bɛyɛ adekorabea maa Farao. Saa nkuro no ne Pitom ne Raamse.+
14 Wɔmaa asetena fonoo wɔn, na wɔhyɛɛ wɔn maa wɔwɔɔ dɔteɛ+ de yɛɛ birikisi, na wɔmaa wɔyɛɛ afuomdwuma nyinaa bi.+ Aane, nkoadwuma biara a wɔpɛ sɛ wɔyɛ no, wɔhyɛɛ wɔn atirimuɔden so maa wɔyɛeɛ.+