Exodus 14:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Na nokorɛ Nyankopɔn bɔfoɔ+ a na ɔdi Israel asafo no anim no bɛdii wɔn akyi, na mununkum dum no nso firii wɔn anim bɛdii wɔn akyi.+ Exodus 23:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 “Meresoma ɔbɔfoɔ+ adi w’anim na ɔbɛhwɛ wo wɔ kwan so de wo akɔ baabi a masiesie+ no. Exodus 33:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Mɛma me bɔfoɔ adi w’anim+ akɔtu Kanaanfoɔ, Amorifoɔ, Hitifoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ.+ Asomafoɔ Nnwuma 7:35 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 35 Mose yi a wɔpaa no kaa sɛ, ‘Hwan na ɔyii wo sodifoɔ ne ɔtemmufoɔ?’+ no, ɔno na Onyankopɔn nam ɔbɔfoɔ a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no nkyɛkyerɛ mu no nsa so somaa no+ sɛ sodifoɔ ne ɔgyefoɔ.
19 Na nokorɛ Nyankopɔn bɔfoɔ+ a na ɔdi Israel asafo no anim no bɛdii wɔn akyi, na mununkum dum no nso firii wɔn anim bɛdii wɔn akyi.+
35 Mose yi a wɔpaa no kaa sɛ, ‘Hwan na ɔyii wo sodifoɔ ne ɔtemmufoɔ?’+ no, ɔno na Onyankopɔn nam ɔbɔfoɔ a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no nkyɛkyerɛ mu no nsa so somaa no+ sɛ sodifoɔ ne ɔgyefoɔ.