23 Awieeɛ koraa no Egypt hene no wuiɛ,+ nanso Israel mma no kɔɔ so sii apini, nkoasom no nti;+ na wɔsu+ hwehwɛɛ ɔboafoɔ, na wɔn nkoasom mu sufrɛ kɔduruu nokorɛ Nyankopɔn asom.
7 Yehowa de kaa ho sɛ: “Nokorɛm no mahunu me nkurɔfoɔ a wɔwɔ Egypt no amanehunu, na mate apini a wɔsie berɛ a wɔhyɛ wɔn de wɔn yɛ adwuma no. Menim wɔn brɛ nyinaa.+