Exodus 3:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Yehowa de kaa ho sɛ: “Nokorɛm no mahunu me nkurɔfoɔ a wɔwɔ Egypt no amanehunu, na mate apini a wɔsie berɛ a wɔhyɛ wɔn de wɔn yɛ adwuma no. Menim wɔn brɛ nyinaa.+ 1 Ahemfo 8:51 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 51 (ɛfiri sɛ wɔyɛ wo man ne w’agyapadeɛ+ a woyii wɔn Egypt,+ firii dadeɛ fononoo+ no mu de wɔn baeɛ); Nehemia 9:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 “Ɛno nti wohunuu+ amanehunu a ɛtoo yɛn agyanom wɔ Egypt no, na wotiee wɔn sufrɛ Po Kɔkɔɔ no ho.+ Dwom 107:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Ɛnna wɔsu frɛɛ Yehowa wɔn ahohia mu;+Na ɔsan gyee wɔn firii ahokyerɛ no mu bio.+
7 Yehowa de kaa ho sɛ: “Nokorɛm no mahunu me nkurɔfoɔ a wɔwɔ Egypt no amanehunu, na mate apini a wɔsie berɛ a wɔhyɛ wɔn de wɔn yɛ adwuma no. Menim wɔn brɛ nyinaa.+
51 (ɛfiri sɛ wɔyɛ wo man ne w’agyapadeɛ+ a woyii wɔn Egypt,+ firii dadeɛ fononoo+ no mu de wɔn baeɛ);