Numeri
5 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ sɛ obi a ɔyare kwata+ anaa ne ho nsuo sene+ anaa efunu* agu ne ho fĩ+ wɔ wɔn mu a, wɔnyi no mfiri nsraban no mu. 3 Ɔbarima oo, ɔbaa oo, monyi no mfiri mo mu. Monyi no nkɔ nsraban no akyi+ na wɔangu wɔn a mete wɔn mu+ no tenabea hɔ fĩ.”+ 4 Israelfoɔ no yɛɛ saa, na wɔyii wɔn kɔɔ nsraban no akyi. Sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, saa ara na Israelfoɔ no yɛeɛ.
5 Yehowa ka kyerɛɛ Mose bio sɛ: 6 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Sɛ ɔbarima anaa ɔbaa bi anni Yehowa nokorɛ na ɔkɔyɛ bɔne a nnipa taa yɛ no bi a, asodie da saa ɔkra no so.+ 7 Ɔnka ne bɔne+ na ɔntua deɛ wayɛ no ho ka; afei ɔmfa sika no nkyɛmu nnum mu baako nka ho+ mpata deɛ ɔyɛɛ no bɔne no. 8 Na sɛ busuani biara nni hɔ a ɔbɛtua asodie ho mpata sika no ama no a, ɛnneɛ ɔmfa sika no mmrɛ Yehowa na ɔsɔfoɔ no mfa; nanso ɔde odwennini a wɔde bɔ asodie afɔdeɛ no bɛpata ama ɔbɔnefoɔ no.+
9 “‘Na akronkronneɛ+ biara a Israelfoɔ bɛyi sɛ ntoboa+ ama ɔsɔfoɔ no bɛyɛ ne dea.+ 10 Obiara akronkronneɛ bɛyɛ ne dea; deɛ obiara de bɛma ɔsɔfoɔ no bɛyɛ ne dea.’”
11 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 12 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Ebia ɔbarima bi yere bɛfiri n’akyi+ 13 ama ɔbarima foforɔ ne no ada na ɔde ne ho nsuo ama no,+ nanso ne kunu anhunu na wante ho hwee.+ Wagu ne ho fĩ deɛ, nanso ɔdanseni biara nni hɔ a ɔbɛka ho asɛm, na obiara nkyee no. 14 Sɛ ɛba sɛ ninkuntwe honhom+ bɛhyɛ ɔbarima no mu na ne tirim ntene no ne yere ho na ɔbaa no agu ne ho fĩ ampa oo, sɛ ninkuntwe honhom bɛhyɛ ɔbarima no mu na ne tirim ntene no ne yere ho na ɔbaa no nguu ne ho fĩ oo, 15 ɔbarima no mfa ne yere no mmrɛ ɔsɔfoɔ+ no na ɔmfa atokosiam efa susudeɛ nkyɛmu du mu baako nka ho sɛ ɔbaa no ayɛyɛdeɛ. Ɛnsɛ sɛ ɔhwie ngo gu soɔ na ɔmmfa ɛhyɛ nnka ho,+ ɛfiri sɛ ɛyɛ ninkuntwe ho aduane afɔdeɛ, nkaeɛ aduane afɔdeɛ a wɔde kae bɔne.
16 “Afei ɔsɔfoɔ no mfa ɔbaa no mmɛgyina Yehowa anim.+ 17 Na ɔsɔfoɔ no mfa nsu kronkron ngu kukuo mu, na ɔnsa ntomadan mu hɔ mfuturo no bi ngu nsuo no mu. 18 Ɔsɔfoɔ no mfa ɔbaa no mmɛgyina Yehowa anim na ɔnsane ne tiri nwi. Na ɔmfa nkaeɛ aduane afɔdeɛ a ɛyɛ ninkuntwe ho aduane afɔdeɛ+ no nhyɛ ɔbaa no nsam, na ɔsɔfoɔ no mfa nsu nwononwono a ɛde nnome ba+ no nkura.
19 “‘Afei ɔsɔfoɔ no mma ɔbaa no nka ntam, na ɔnka nkyerɛ no sɛ: “Sɛ ɔbarima biara ne wo nnaeɛ, na womfirii wo kunu akyi+ nkɔyɛɛ afĩdeɛ biara a, ɛnneɛ nsu nwononwono a ɛde nnome ba yi renyɛ wo hwee. 20 Nanso sɛ woafiri wo kunu akyi+ akɔgu wo ho fĩ na ɔbarima foforɔ de ne ho nsuo ama wo+ wɔ wo kunu akyi a,—” 21 Afei ɔsɔfoɔ no mma ɔbaa no nka ntam,+ na ɔnka nkyerɛ no sɛ: “Yehowa mma w’ase+ ntwintwam na w’afuru nhono, na Yehowa mma wonyɛ nnome ne ntanka ho nhwɛsodeɛ wɔ wo man mu. 22 Na nsuo a ɛde nnome ba yi bɛkɔ wo nsono mu na ɛbɛma w’afuru ahono na w’ase atwintwam.” Afei ɔbaa no nka sɛ: “Amen! Amen!”
23 “‘Ɔsɔfoɔ no ntwerɛ nnome yi ngu nwoma so+ na ɔnhohoro+ ngu nsu nwononwono no mu. 24 Ɔmfa nsu nwononwono a ɛde nnome ba+ no mma ɔbaa no nnom na nsuo a ɛde nnome ba no nyɛ nwononwono wɔ ne mu. 25 Afei ɔsɔfoɔ no nnye ninkuntwe ho aduane afɔdeɛ+ no mfiri ɔbaa no nsam na ɔnhim aduane afɔdeɛ no wɔ Yehowa anim, na ɔmfa mmra afɔrebukyia no ho. 26 Ɔsɔfoɔ no mfa ne nsa nsa aduane afɔrebɔdeɛ no bi mfa nyɛ nkaeɛ adeɛ+ na ɔnhye no afɔrebukyia no so, na ɛno akyi no ɔmma ɔbaa no nnom nsuo no. 27 Sɛ ɔma ɔbaa no nom nsuo no na sɛ ampa wafiri ne kunu akyi akɔyɛ biribi de agu ne ho fĩ+ a, nsuo a ɛde nnome ba no bɛyɛ nwono wɔ ne mu, n’afuru bɛhono na n’ase atwintwam, na ɔbɛyɛ nnome ho nhwɛsodeɛ wɔ ne man mu.+ 28 Nanso sɛ ɛba sɛ ɔbaa no nguu ne ho fĩ na ne ho te a, ɛnneɛ asodie biara nna ne so+ na ne kunu mma no nnyinsɛn.
29 “‘Yei ne ninkuntwe+ ho mmara a ɛwɔ hɔ. Sɛ ɔbaa bi firi ne kunu akyi+ na ɔgu ne ho fĩ, 30 anaasɛ ninkuntwe honhom bɛhyɛ ɔbarima bi mu na ne tirim ntene no ne yere ho a, ɔmma ɔbaa no mmɛgyina Yehowa anim na ɔsɔfoɔ no nyɛ no sɛdeɛ mmara yi kyerɛ. 31 Ɔbarima no deɛ, ɔnyɛɛ bɔne biara, ɔyere no mmom na ɔbɛsoa ne bɔne.’”